.

Densu Lyrics

Verse 1
Ɔdɔ yɛwu akra me sɛ
Ɔbɛba abɛda me nkyɛn
Memfa no nto mpa pampa so
Mpapa bɛbu, awɔ me dɔ e
Mede ahenemma bɛhyɛ no o
Mede me ntoma bɛsɛ fɔm
Ama no anante so aba o
Na me dɔ nansowaa kyiri mmɔsea
Ɔdɔ nansowaa kyiri mmɔsea

Verse 2
Me dɔ wiase akra me sɛ
Ɔbɛba abɛka me ho hye o
Menfa no nto ɔnyina dua ase
Ɔnyina bɛbu abɔ me dɔ yi
Mete sɛ ɔbi rebɔ mu a na me yam ahye me o
Ɛyɛ ɔdɔ ne anigyeɛ afrafra
M'awerɛkyekyerɛ bɔfoɔ reba o
Ɔreba abɛku me ho awɔseɛ o

Chorus
Ɛnti yɛ ntɛm, ɔdɔ, pɛ ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena pɔnkɔ so bra
Pɔnkɔ nni hɔ a, nante bra
Bɛto wo densu gu me so

Verse 3
Medɔ asukɔ
Medɔ asukɔ wo densu mu o
Me piesie yi e
Medɔ asukɔ wo densu mu
Medɔ asukɔ wo densu mu
Nnsuolo hya ɔhe ni ɔba
Kyɔmo mi noko dani dzɛ atsele
Nmene okyikyi no ni maka mawɔ
Ɔhe ɔdze nma me mawɔ
Hyɔ ɔhe, Hyɔ ɔhe, Hyɔ ɔhe
Chorus
Yɛntɛm, ɔdɔ pɛ ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena car mu bra
Bɛtɔ wo densu gu me so

Chorus
Pɛ ntɛm ɔdɔ yɛntɛm bra
Afunuponko koraa ɔdɔ tena so bra
Afe koraa fa nante bra
Bɛtɔ wo densu gu me so
Verse 4
Ɔdɔ yɛwu akra me sɛ
Ɔbɛba abɛda me nkyɛn
Menfa no nto mpapa mpa so
Mpapa bɛbu, awo me do e
Mɛtɔ kingsize bed ama no o
Na me koko ayɛ suumie e
Ɛnnɛ yɛnda ma obi ada bi o
Ɔdɔ yɛwu densu ayiri me, ayiri me o
Nsuo refa a, nsuo nfa me (4x)

Chorus
Ɛnti yɛntɛm, ɔdɔ pɛ ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena keteke mu bra
Keteke nni ho a, tena car mu bra
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ
Report lyrics
Top Kojo Antwi Lyrics