.

Afofanto Lyrics

Afrimata (4x)

Chorus
Afɔfantɔ e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ agyegye me o, yoo, yoo, yoo
Afɔfantɔ e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ agyegye me e, yoo, yoo, yoo
Aboa ɔkyere me e, aboa ɔkyere me e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ agyegye me o, yoo, yoo, yoo
Aboa ɔkyere me e, aboa ɔkyere me e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ agyegye me o, yoo, yoo, yoo

Afɔfantɔ e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ agyegye me o, yoo, yoo, yoo
Afɔfantɔ e, yie, yie, yie
Agya e, agya e, maame e, yoo yoo yoo

Verse 1
Me deɛ, mese mada, sɛ na me nan gu abɔnten
Mese manya ɔdɔ pa, sɛ na makɔfa afɔfantɔ e
Ɔhuri sisi sisi, ɔhuri sisi sisi nhyerɛn so e
Wadane aboa nanka, woakyekyere kahyire agu me so e
Ɔde pɔ bi too me tirim sɛ ɔdɔ me nkoaa, sɛ na ne dɔ ɛrebɔ dɔnkɔmie e
Metɔɔ no aboɔden, sɛ na ne dɔ yɛ fofoofo e
Mede me wirɛ hyɛɛ ne mu, nanso nyinaa abɔ ahyɛ me nsa e
Sɛ yɛkaayɛ a, yɛnmmoa sɛ, ahoɔfɛ nkyerɛ suban o
Oh oh oh, afɔfantɔ e, woagyegye me ɛkɔkwan so
Woakɔ akɔgya me wo asuku n'ani o
Oh oh oh, Papa Doctor, kyerɛ me e
Anaa sɛ mehu ɛpo biom a, ɛtworo bɛn na mɛnom o

Afrimata (4x)

Verse 2
Matɔ nkyene akyɛ o, yɛde mako na ɛda m'ase ɛ
Oh, matɔ nkyene akyɛ e, yɛde mako na ɛda m'ase o
Akoma, akoma de me dɔ bɛkɔ a, yɛnkɔ e
Wosee me bɔ, wohyɛ me bɔ sɛ
Wobɛkura me mu sɛ kosua mono e
M'anunaa yɛ no, na wobɔ me te sɛ ɔbɔ te sɛ adeɛ e
Ɛyɛ ampa sɛ, ɔdɔ bi te sɛ, samina ahuruo
Fitaa fitaa hyɛnhyɛn kwa, mframa bɔ mpo a, na ayera o
Makɔdi n'ahoɔfɛ akyi, woama nkasɛe awɔ me o
Repeat Chorus

Oh oh oh, afɔfantɔ e, woagyegye me ɛkokwan so
Woakɔ akɔgya me wo asuku n'ani o
Oh oh oh, Papa Doctor, kyerɛ me e
Anaa sɛ mehu ɛpo biom a, etworo bɛn na mɛnom o
Oh oh oh, ah, woakɔgya me yayaaya
Oh oh oh, ɔdɔ yɛwu agyegye me, woagyegye me, agyegye me, akɔku me
Oh oh oh, ah, woakɔgya me yayaaya
Oh oh oh, ɔdɔ yɛwu agyegye me, woagyegye me, agyegye me, akɔku me
Oh oh oh, ah, woakɔgya me yayaaya
Oh oh oh, ɔdɔ yɛwu agyegye me, woagyegye me, agyegye me, akɔku me
Me na m'asɛm ni o, wokaayɛ na mantie o
Me na m'asɛm ni o, ɛna, wokaayɛ na mantie o
Oh oh oh, ah, woakɔ akɔda agya me
Ɔdɔ yɛwu akɔda agya me o

Afrimata (4x)
Report lyrics
Top Kojo Antwi Lyrics